Kwasi Poku Addae, yɛ Ghana nnwontofo a wonim no wɔ nnwomto mu sɛ Kwaisey Pee.Wonim no sɛ obi a ɔbɔ Highlife nwom a ne nne nso yɛ dɛ, afei nso ɔwɔ apaawa bɛyɛ sɛ anum.
Kwasi Poku Addae, yɛ Ghana nnwontofoɔ a wonim no wɔ nnwomto mu sɛ Kwaisey Pee.Wonim no sɛ obi a ɔbɔ Highlife nwom a ne nne nso yɛ dɛ, afei nso ɔwɔ apaawa bɛyɛ sɛ anum.


Wɔwoo Kwaisey Pee to abusua a wɔto nnwom mu, ne papa ne Agyaaku a ɔka Yamoah ne Sunsum nnwomtofo kuw ho.
Wɔwoo Kwaisey Pee to abusua a wɔto nnwom mu, ne papa ne Agyaaku a ɔka Yamoah ne Sunsum nnwomtofoɔ kuo ho.

Ɔkɔɔ sukuu wɔ Datus School Complex wɔ Tema, ankyɛ na ogyae kɔfaa nnwomto too ne ho so .
Ɔkɔɔ sukuu wɔ Datus School Complex wɔ Tema, ankyɛ na ogyae kɔfaa nnwomtoɔ too ne ho so .

Ofii ne nnwomto ase bere a ɔkɔkaa ne papa nnwomtofo kuw ho na afei ogyae kɔkaa Nana Tuffour nnwomtofo kuw a wɔfrɛ wɔn sɛ Sikadwa no ho wɔ 1994 mu.
Ofii ne nnwomto ase bere a ɔkɔkaa ne papa nnwomtofoɔ kuo ho na afei ogyae kɔkaa Nana Tuffour nnwomtofoɔ kuo a wɔfrɛ wɔn sɛ Sikadwa no ho wɔ 1994 mu.

Akyiri yi ɔkɔkaa nnwomtofo kuw foforo bi ho a wɔfrɛ wɔn sɛ Jewel Ackah and the Beautiful Six ho.
Akyiri yi ɔkɔkaa nnwomtofoɔ kuo foforo bi ho a wɔfrɛ wɔn sɛ Jewel Ackah and the Beautiful Six ho.

Awiei koraa no ɔne ne papa kɔɔ London kɔdaa apaawa foforo a wɔato no din sɛ Nyame yɛ Ɔdɔ adi wɔ 1998 mu.Ɔwɔ apaawa anum a wɔato din sɛ Krokro Me, Akono Yaa, and Nyane Me, apaawa a nnwom 13 wom a nnwomtofo te sɛ Tic Tac, Kontihene, K K Fosu, Ofori Amponsah ne ne papa, Agyeiku nso ka ho.
Awiei koraa no ɔne ne papa kɔɔ London kɔdaa apaawa foforo a wɔato no din sɛ Nyame yɛ Ɔdɔ adi wɔ 1998 mu.Ɔwɔ apaawa anum a wɔato din sɛ Krokro Me, Akono Yaa, and Nyane Me, apaawa a nnwom 13 wom a nnwomtofoɔ te sɛ Tic Tac, Kontihene, K K Fosu, Ofori Amponsah ne ne papa, Agyeiku nso ka ho.

Ogyae nnwomto kakraa na akyiri yi ɔsan bae bɛdaa nnwom fofora a ɔne Yaa Yaa yɛe, Mabre, adi wɔ Ɔpɛnimma 2018 mu.
Ogyae nnwomtoɔ kakraa na akyiri yi ɔsan bae bɛdaa nnwom fofora a ɔne Yaa Yaa yɛe, Mabre, adi wɔ Ɔpɛnimma 2018 mu.